44 Nanso wei nyinaa akyi no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfo asaase so mpo a, merempo wɔn korakora na merento wɔn ntwene koraa+ mma wɔn ase nhye. Merenyɛ saa na mammu apam a me ne wɔn ayɛ no so,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.
13 Ɛda no, wɔbɛbɔ abɛn kɛseɛ bi,+ na wɔn a wɔayera wɔ Asiria asaase so+ ne wɔn a wɔabɔ wɔn apansam Egypt asaase so+ no bɛba abɛkoto Yehowa wɔ bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.+
14 Na Yudafoɔ a aka a wɔakɔtena Egypt asaase so no, wɔrentumi nnwane, na wɔrennya wɔn tiri nnidi mu nsan nkɔ Yuda asaase so. Wɔn kɔn bɛdɔ* sɛ wɔbɛsan akɔ hɔ na wɔakɔtena hɔ, nanso wɔrensan nkɔ hɔ, gye nnipa kakraa bi a wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu no.’”