Deuteronomium 4:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Na Yehowa wo Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+ Ɔrennya wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no.+ 2 Ahemfo 13:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Nanso apam a Yehowa ne Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ yɛeɛ nti, ɔdom wɔn huu wɔn mmɔbɔ,+ na ɔtwaa n’ani bɛhwɛɛ wɔn. Ná ɔmpɛ sɛ ɔsɛe wɔn; wanto wɔn antwene bɛsi nnɛ. Nehemia 9:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woanto wɔn antwene, ɛfiri sɛ woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+
31 Na Yehowa wo Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+ Ɔrennya wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no.+
23 Nanso apam a Yehowa ne Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ yɛeɛ nti, ɔdom wɔn huu wɔn mmɔbɔ,+ na ɔtwaa n’ani bɛhwɛɛ wɔn. Ná ɔmpɛ sɛ ɔsɛe wɔn; wanto wɔn antwene bɛsi nnɛ.
31 Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woanto wɔn antwene, ɛfiri sɛ woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+