6 Yehowa bɛtwaam wɔ n’anim kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehyeɛ,*+ deɛ ne bo mfu ntɛm,+ deɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ+ nni ano, na ne nokorɛdie+ dɔɔso.
3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfoɔ a wɔakɔdi aman foforɔ so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ so no nyinaa mu.+
9 Sɛ mosan ba Yehowa nkyɛn a, wɔn a wɔbɛfaa mo nuanom ne mo mma kɔeɛ no bɛhu wɔn mmɔbɔ,+ na wɔbɛma wɔasan aba asaase yi so,+ ɛfiri sɛ mo Nyankopɔn Yehowa wɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu,+ na mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfiri mo so.”+