-
Yeremia 42:17, 18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Na wɔn a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ Egypt akɔtena hɔ no nyinaa, sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* na ɛbɛkunkum wɔn. Mmusuo a mede reba wɔn so no, obiara remfiri mu nka, na obiara rennya ne tiri nnidi mu.”’
18 “Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: ‘Sɛdeɛ mehwiee m’abufuo ne m’abufuhyeɛ guu Yerusalemfoɔ so no,+ saa ara na sɛ mokɔ Egypt a, mɛhwie m’abufuhyeɛ agu mo so, na mobɛyɛ nnome, na moadane biribi a ɛyɛ hu, ne abusudeɛ, na mo anim bɛgu ase,+ na morenhunu ɛha yi bio.’
-