Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 25:8-10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛtɔ so nson, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadnesar ahennie afe a ɛtɔ so 19 no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ a ɔyɛ Babilon hene akoa no baa Yerusalem.+ 9 Ɔhyee Yehowa fie+ ne ɔhene fie*+ no ne Yerusalem afie nyinaa dwerɛbee.+ Afei nso, ɔhyee otitire biara fie.+ 10 Na Kaldea asraafoɔ a wɔka awɛmfoɔ so panin no ho no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo a atwa ho ahyia no gui.+

  • 2 Berɛsosɛm 34:24, 25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mede mmusuo bɛba kuro yi ne wɔn a wɔtete mu so;+ nnome a wɔatwerɛ no nwoma+ a wɔkenkan kyerɛɛ Yuda hene mu no, mede ne nyinaa reba. 25 Ɛsiane sɛ wɔagya me+ akɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ, na wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa ahyɛ me abufuo+ nti, m’abufuo bɛhwie agu kuro yi so, na ɛrennum.’”+

  • 2 Berɛsosɛm 36:16, 17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Nanso wɔkɔɔ so goroo nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo baa ne man so,+ kɔsii sɛ wɔannya ayaresa bio.

      17 Enti ɔmaa Kaldeafoɔ hene+ de sekan baa wɔn so bɛkunkum wɔn mmeranteɛ+ wɔ wɔn tenabea kronkron hɔ,+ na aberanteɛ oo, ɔbaabunu oo, ɔpanin oo, deɛ wago oo, wanhu obiara mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.+

  • Kwadwom 2:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Wakuntunu n’agyan mu* sɛ ɔtamfo; wayɛ ne nsa nifa krado sɛ ɔsɛefoɔ;+

      Ɔkunkum deɛ ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa.+

      Na wahwie n’abufuo te sɛ egya+ agu Sion ntomadan mu.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane