Yeremia
43 Na Yeremia kaa Yehowa wɔn Nyankopɔn nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa. Deɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn de somaa no sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn no, wannya baako mpo. Berɛ a ɔwieeɛ no, 2 Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan+ ne mmarima ahantanfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Asɛm a woreka yi nyɛ nokorɛ! Yehowa yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ bɛka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Monntu mo nan nnsi Egypt nnkɔtena hɔ.’ 3 Neria ba Baruk+ na ɔretutu gu w’asom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wode yɛn bɛma Kaldeafoɔ no, na wɔakunkum yɛn anaa wɔatu yɛn ase akɔ Babilon.”+
4 Enti Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie Yehowa asɛm, na wɔantena Yuda asaase so. 5 Mmom, Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa faa Yudafoɔ a aka no nyinaa kaa wɔn ho, Yudafoɔ a wɔbɔɔ wɔn hwetee aman nyinaa so a na wɔasan aba sɛ wɔrebɛtena Yuda asaase no so no.+ 6 Wɔfaa mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhene mma mmaa ne wɔn* a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ gyaa wɔn maa Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ no nyinaa, na wɔfaa odiyifoɔ Yeremia ne Neria ba Baruk nso kaa ho. 7 Na wɔkɔɔ Egypt asaase so, ɛfiri sɛ wɔantie Yehowa asɛm, na wɔkɔeɛ ara kɔduruu Tapanes.+
8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia wɔ Tapanes sɛ: 9 “Fa wo nsa sesa aboɔ akɛseɛ, na fa kɔsie dɔteɛ mu wɔ baabi a wɔde birikisi atintim fam wɔ Farao fie pono ano wɔ Tapanes no. Yɛ ma Yuda mmarima no nhunu. 10 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Hwɛ, meresoma akɔfa Babilon hene Nebukadnesar* m’akoa no aba,+ na mede n’ahennwa bɛsi aboɔ a mede asie yi so, na ɔbɛtrɛ n’ahennie ntomadan mu wɔ so.+ 11 Na ɔbɛba abɛto ahyɛ Egypt asaase no so.+ Deɛ ɔfata owuyareɛ no, owuyareɛ bɛku no. Deɛ ɔfata sɛ wɔkye no no, wɔbɛkye no akɔ. Na deɛ ɔfata sekan no, sekan bɛku no.+ 12 Na mede gya bɛto Egypt anyame no afie* mu,+ na ɔbɛhye wɔn, na ɔbɛkye wɔn akɔ. Ɔbɛfira Egypt asaase te sɛ deɛ odwanhwɛfoɔ fira ne ntoma no, na ɔbɛfiri hɔ akɔ asomdwoeɛ mu.* 13 Na ɔbɛbubu adum* a ɛwɔ Bet-Semes* wɔ Egypt asaase so no pasaa, na ɔde gya bɛhye Egypt anyame no afie.”’”*