-
Yeremia 42:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
42 Ɛnna asahene no nyinaa ne Karea ba Yohanan+ ne Hosaia ba Yesania* ne nnipa no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so baeɛ, 2 na wɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, tie yɛn adesrɛ yi, na bɔ Yehowa wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, yɛn a yɛaka yi nyinaa. Ɛfiri sɛ nnipa bebree no, kakraa bi na aka,+ sɛdeɛ wohunu yi. 3 Ma Yehowa wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so ne deɛ yɛnyɛ.”
-