Yeremia
42 Ɛnna asahene no nyinaa ne Karea ba Yohanan+ ne Hosaia+ ba Yesania*+ ne nnipa no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so, twe bɛneeɛ, 2 na wɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia sɛ: “Yɛde yɛn adesrɛ reto w’anim na woabɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ mpaeɛ ama yɛne nkaefoɔ a wɔaka yi nyinaa, ɛfiri sɛ yɛn ne kakraa bi a yɛaka wɔ nnipa bebree no mu+ sɛdeɛ w’ani hunu yɛn yi. 3 Ma Yehowa wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn kwan a yɛmfa soɔ ne deɛ yɛnyɛ.”+
4 Ɛnna odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mate. Hwɛ, mɛbɔ Yehowa mo Nyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ moaka no,+ na asɛm biara a Yehowa de bɛbua mo no, mɛka akyerɛ mo.+ Meremfa asɛm baako mpo nsie mo.”+
5 Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Sɛ yɛanyɛ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛsoma wo abɛka akyerɛ yɛn no pɛpɛɛpɛ+ a, Yehowa nyɛ yɛn nokorɛ danseni+ pintinn. 6 Sɛ papa oo, bɔne oo, Yehowa, yɛn Nyankopɔn a yɛasoma wo ne nkyɛn no na yɛbɛtie ne nne, na asi yɛn yie, ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn na yɛtie no.”+
7 Na dadu akyi no, Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn.+ 8 Enti ɔsoma kɔfrɛɛ Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho nyinaa ne nnipa no nyinaa baeɛ, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so;+ 9 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto n’anim+ no aka nie, 10 ‘Sɛ mokɔ so tena asase yi so a,+ me nso mɛma mo so asi hɔ, na merennwiri mo ngu; mɛdua mo, na merentutu mo ase;+ ɛbɛyɛ me ya sɛ mede mmusuo aba mo soɔ.+ 11 Monnsuro Babilon hene a ne ho hu atɔ mo soɔ no.’+
“‘Monnsuro no,’+ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ meka mo ho, na mɛgye mo na mayi mo afiri ne nsam.+ 12 Na mɛhu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na wasan de mo akɔ mo asase so.+
13 “‘Na sɛ moka sɛ: “Dabi, yɛrentena asase yi so!” na sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn nne,+ 14 na moka sɛ: “Dabi, Egypt asase so na yɛbɛkorɔ,+ na ɛhɔ deɛ, yɛrenhunu ɛko, yɛrente abɛn nnyegyeeɛ, na yɛrenni aduankɔm, na ɛhɔ na yɛbɛtena”+ a, 15 ɛnneɛ montie Yehowa asɛm, O Yuda nkaeɛ. Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Sɛ mode si mo ani so sɛ Egypt na mobɛkɔ, na sɛ mokɔ kɔtena hɔ sɛ ahɔhoɔ ampa a,+ 16 ɛnneɛ nkrantɛ a mosuro no, ɛno na ɛbɛtoa mo wɔ Egypt asase soɔ,+ na ɛkɔm a mosuro no, ɛno na ɛbɛdi mo akyi akɔ Egypt,+ na ɛhɔ na mobɛwuwuo.+ 17 Na wɔn a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ Egypt akɔtena hɔ no, wɔn na wɔbɛwuwu nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyareɛ ano,+ na wɔn mu biara remfiri mu nka na ɔrennya ne tiri nnidi mu, mmusuo a mede reba wɔn soɔ no mu.”’+
18 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Sɛdeɛ mahwie m’abufuo ne m’abufuhyeɛ agu Yerusalemfoɔ soɔ no,+ saa ara na sɛ mokɔ Egypt a, mɛhwie m’abufuhyeɛ agu mo soɔ, na mobɛyɛ nnome ne ahodwirideɛ ne ntanka adeɛ ne ahohora,+ na morenhunu ɛha yi bio.’+
19 “Yehowa akasa akyerɛ mo, O Yuda nkaeɛ. Monntu mo nan nnsi Egypt.+ Hunu na monhunu sɛ madi mo adanseɛ nnɛ,+ 20 ɛne sɛ, moayɛ mo kra bɔne,+ ɛfiri sɛ mo ara na mosomaa me kɔɔ Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ, ‘Bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na asɛm biara a Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka no, ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛyɛ.’+ 21 Mereka akyerɛ mo nnɛ, nanso morentie Yehowa mo Nyankopɔn nne ne deɛ ɔde asoma me mo nkyɛn no biara.+ 22 Enti afei monhunu sɛ nkrantɛ+ ne ɛkɔm ne owuyareɛ ano na mobɛwuwu wɔ baabi a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ sɛ ahɔhoɔ no.”+