Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 25:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Na ɔhyee Yehowa fie+ ne ahemfie+ no ne Yerusalem afie+ nyinaa; ɔde gya hyee+ otitire biara fie.

  • 2 Berɛsosɛm 34:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 ɛfiri sɛ wɔagya me+ akɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ,+ sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma+ nyinaa bɛhyɛ me abufuo;+ m’abufuo+ ahwie agu kuro yi so a ɛrennum.’”+

  • 2 Berɛsosɛm 36:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Nanso wɔkɔɔ so goroo+ nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+

  • Yeremia 7:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Ɛno nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Wɔbɛhwie m’abufuo ne m’abufuhyeɛ agu ha+ yi ne adasamma ne afieboa ne wuram nnua+ ne asase so aba so; ɛbɛhye na ɛrennum.’+

  • Yeremia 39:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Na Kaldeafoɔ no de gya hyee ahemfie no ne ɔmanfoɔ no afie,+ na wɔdwirii Yerusalem afasuo no nso guiɛ.+

  • Yeremia 52:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Afei ɛbaa sɛ n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron,+ bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadresar baeɛ; ɔne n’asraafoɔdɔm nyinaa baa Yerusalem so+ bɛtwaa ho hyiaeɛ, na wɔsii akoban twaa ho nyinaa hyiaeɛ.+

  • Kwadwom 2:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Wakuntunu n’agyan mu sɛ ɔtamfo.+ Wayɛ ne nsa nifa+ krado

      Sɛ ɔsɛefoɔ,+ na ɔkunkum deɛ ɛyɛ fɛ wɔ nnipa ani so nyinaa.+

      Wahwie n’abufuo agu Sion ntomadan+ mu sɛ gya.+

  • Nahum 1:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Hwan na ɔbɛtumi agyina n’abufuo anim?+ Na hwan na ɔbɛtumi asɔre atia n’abufuhyeɛ?+

      N’abufuo bɛhwie sɛ gya,+ na ne nti abotan bɛdwiri agu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane