2 Ahemfo
25 Ɛbaa sɛ n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron,+ bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du+ no, Babilon hene Nebukadnesar+ baeɛ;+ ɔne n’asraafoɔdɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛtwaa ho hyiaeɛ, na wɔsii akoban twaa ho nyinaa hyiaeɛ.+ 2 Wɔtwaa kuro no ho hyiaeɛ kɔsii Ɔhene Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako mu. 3 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron+ no, ɛkɔm+ no mu yɛɛ den wɔ kuro no mu; ná aduane bi nni hɔ+ mma ɔmanfoɔ no. 4 Ɛnna wɔtuu kuro no mu hyɛnee mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa dwanee anadwo kɔfaa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pono no mu kɔeɛ; saa berɛ no, na Kaldeafoɔ+ no atwa kuro no ho nyinaa ahyia. Ɔhene no nso de n’ani kyerɛɛ+ Araba.+ 5 Na Kaldea asraafoɔdɔm+ no de mmirika tĩĩ ɔhene no, na wɔkɔtoo no+ Yeriko asasetamaa+ no so; n’asraafoɔdɔm a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hweteeɛ. 6 Ɛnna wɔkyee ɔhene+ no de no kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla+ sɛ wɔmmu no atɛn. 7 Wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim,+ na Sedekia nso, ɔbobɔɔ n’ani.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn+ guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon.+
8 Bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛtɔ so nson a ɛyɛ Ɔhene Nebukadnesar, Babilon hene, no afe a ɛtɔ so dunkron+ no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan,+ Babilon hene akoa, no baa Yerusalem.+ 9 Na ɔhyee Yehowa fie+ ne ahemfie+ no ne Yerusalem afie+ nyinaa; ɔde gya hyee+ otitire biara fie. 10 Na Yerusalem afasuo a atwa ho ahyia nyinaa, Kaldea asraafoɔdɔm a wɔka awɛmfoɔ so panin no ho no nyinaa dwiri guiɛ.+ 11 Ɔmanfoɔ nkaeɛ+ a wɔgyaa wɔn kuro no mu, ne wɔn a wɔdane kɔɔ Babilon hene afã, ne nnipa a wɔaka no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan de wɔn kɔɔ nkoasom mu.+ 12 Na awɛmfoɔ so panin no gyaa asase no so mmɔborɔfoɔ+ no bi sɛ wɔnyɛ bobe nturo mu adwumayɛfoɔ ne apaafoɔ.+ 13 Na kɔbere adum+ a ɛwɔ Yehowa fie no ne nsutwe nnaka+ ne kɔbere po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafoɔ no bubuu no asinasini, na wɔde ɛho kɔbere no kɔɔ Babilon.+ 14 Na deɛ wɔde sesa nsõ ne sofi ne adumgya ne nkuruwa ne kɔbere nneɛma+ a wɔde som no nyinaa, wɔsesa kɔeɛ. 15 Na egya nkukuwa ne nyaawa a wɔde sika amapa+ ayɛ ne deɛ wɔde dwetɛ amapa+ ayɛ no, awɛmfoɔ so panin no sesa kɔeɛ. 16 Na adum mmienu no ne ɛpo baako no ne nsutwe nnaka a Solomon yeyɛɛ no Yehowa fie hɔ no, nneɛma yi nyinaa ho kɔbere deɛ, wɔantumi ankari.+ 17 Adum no biara tenten yɛ basafa dunwɔtwe,+ na wɔde kɔbere na ɛyɛɛ ɛso ntaasoɔ+ no; ntaasoɔ no tenten yɛ basafa mmiɛnsa; atena ne granate akutuo+ a atwa ntaasoɔ no ho ahyia no, kɔbere na wɔde yɛɛ ne nyinaa; saa ara na edum a ɛtɔ so mmienu no ho atena nso teɛ.
18 Bio nso, awɛmfoɔ so panin no faa ɔsɔfo panin Seraia+ ne ɔsɔfoɔ Sefania+ a ɔdi ne soɔ ne apono ano ahwɛfoɔ+ mmiɛnsa; 19 na kuro no mu nso, ɔfaa ahemfie panin baako a ɔda asraafoɔ ano, ne mmarima a wɔkɔ ɔhene anim no nnum a wɔwɔ kuro no mu, ne ɔsahene no twerɛfoɔ a ɔboaboa dɔm ano wɔ asase no soɔ, ne ɔmanfoɔ no mu mmarima aduosia a wɔwɔ kuro no mu;+ 20 awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ de wɔn kɔmaa+ Babilon hene wɔ Ribla.+ 21 Na Babilon hene bobɔɔ+ wɔn kuu wɔn wɔ Ribla, Hamat+ asase so. Saa na ɛyɛeɛ a Yuda firii n’asase so kɔɔ nkoasom mu.+
22 Na ɔmanfoɔ+ a wɔkaa Yuda asase so a Babilon hene Nebukadnesar gyaa wɔn hɔ no, ɔde Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ dii wɔn so. 23 Berɛ a asahene+ no nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene ayi Gedalia no, ntɛm ara na wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa;+ Netania ba Ismael, ne Karea ba Yohanan, ne Netofani Tanhumet ba Seraia, ne Maakatni no ba Yaasania, ne wɔn mmarima na wɔbaeɛ. 24 Ɛnna Gedalia kaa ntam+ kyerɛɛ wɔne wɔn mmarima no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafoɔ no. Montena asase no so na monsom Babilon hene, na ɛbɛsi mo yie.”+
25 Ɛbaa sɛ bosome a ɛtɔ so nson+ mu no, Elisama ba Netania ba Ismael+ a ɔfiri adehyeɛ abusua mu no baeɛ, ɔne mmarima du, na wɔbɔɔ Gedalia kuu no,+ na wɔkunkum Yudafoɔ ne Kaldeafoɔ a wɔka ne ho wɔ Mispa no nso.+ 26 Ɛno akyi no, nnipa no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so, ne asahene no sɔreeɛ, na wɔkɔɔ Egypt,+ ɛfiri sɛ Kaldeafoɔ no nti wɔsuroeɛ.+
27 Berɛ a Yuda hene Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu no, n’afe a ɛtɔ so aduasa nson, bosome a ɛtɔ so dumienu no da a ɛtɔ so aduonu nson, afe a Babilon hene Ewil-Merodak+ bɛyɛɛ ɔhene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin so+ firii nneduafie; 28 na ɔkasaa ayamyɛ so kyerɛɛ no, na ɔmaa n’ahennwa so maa no senee ahemfo a wɔka ne ho wɔ Babilon no nhennwa.+ 29 Na ɔyii n’afiase ntadeɛ,+ na ɔdidii+ n’anim daa, ne nkwa nna nyinaa. 30 Deɛ wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma no+ no, ɛfiri ɔhene nkyɛn na wɔde maa no daa, da biara ne ne deɛ, ne nkwa nna nyinaa.