25 Ɛbaa sɛ bosome a ɛtɔ so nson+ mu no, Elisama ba Netania ba Ismael+ a ɔfiri adehyeɛ abusua mu no baeɛ, ɔne mmarima du, na wɔbɔɔ Gedalia kuu no,+ na wɔkunkum Yudafoɔ ne Kaldeafoɔ a wɔka ne ho wɔ Mispa no nso.+
2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔreeɛ, na wɔde nkrantɛ bɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia kum no.+ Enti ɔkum deɛ Babilon hene de no asi asase no soɔ no.+