3 Na wo nso worentumi nnwane mfiri ne nsam, ɛfiri sɛ wɔbɛkye wo, na wɔde wo ahyɛ ne nsam.+ Wode w’ani bɛhunu Babilon hene anim+ na ɔne wo bɛkasa ano ne ano, na wobɛkɔ Babilon.’
16 “‘“Sɛ mete aseɛ yi,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, “baabi a ɔhene a ɔde no dii adeɛ teɛ no, ɛhɔ ara na ɔbɛwu wɔ Babilon;+ ɔtotoo ɔhene yi ntam ase,+ na ɔbuu n’apam so.