Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 26:33
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 33 Na mɛbɔ mo apete amanaman mu+ na matwe nkrantɛ adi mo akyi.+ Mo asase bɛsɛe+ na mo nkuro adane amamfõ.

  • Deuteronomium 4:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 ɛnneɛ ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefoɔ+ sɛ wɔbɛsɛe mo ntɛm afiri asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛtwa mo afiri so.+

  • Deuteronomium 28:36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 36 Yehowa de wo+ ne ɔhene+ a wode no bɛdi wo soɔ no bɛkɔ ɔman bi so, baabi a wo ne w’agyanom biara nnim. Na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wɔde dua ne aboɔ ayɛ.+

  • Deuteronomium 28:64
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 64 “Yehowa bɛbɔ wo apete aman nyinaa so, ɛfiri asase ano kɔsi asase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom biara nnim wɔn, anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ.+

  • 2 Ahemfo 23:27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Na Yehowa kaa sɛ: “Yuda+ nso mɛto no afiri m’anim atwene+ sɛdeɛ metoo Israel tweneeɛ+ no; mɛto kuro a mafa yi, Yerusalem ne efie yi atwene, efie a mekaa sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’+ no.”

  • Yeremia 24:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 mɛyi wɔn ama de mmusuo aba wɔn so ama asase so ahennie nyinaa awoso,+ na mɛma wɔayɛ ahohoradeɛ, na wɔde wɔn bɛka asɛm asere asopa wɔn,+ na wɔayɛ nnome,+ baabiara a mɛhwete wɔn akorɔ.+

  • Yeremia 25:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Na asase yi nyinaa bɛdane amamfõ ne ahodwirideɛ, na aman yi bɛsom Babilon hene mfirinhyia aduɔson.”’+

  • Hesekiel 12:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 ‘“Na me Yehowa, deɛ mɛka ara na mɛka, na ɛbɛyɛ hɔ;+ wɔrentu nhyɛ da bio.+ Atuateɛ fie, mo berɛ so+ na mɛkasa, na mɛyɛ,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’”

  • Hesekiel 24:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Me Yehowa na maka.+ Ɛbɛba mu,+ na mɛyɛ nso. Meremmu m’ani ngu so,+ merenhu mmɔbɔ+ na merennu me ho.+ Wɔbɛbu wo atɛn sɛdeɛ w’akwan ne wo nneyɛɛ teɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane