21 Enti Ɔhene Sedekia hyɛ maa wɔde Yeremia too afiase wɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu. Na wɔmaa no paanoo a ɛfiri paanootofoɔ borɔno+ so daa kɔsii sɛ kuro no mu paanoo nyinaa saeɛ.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ.
2 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Onipa a ɔbɛtena kuro yi mu no, ɔno na nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ bɛku no. Na deɛ ɔbɛfiri adi akɔ Kaldeafoɔ no nkyɛn deɛ, ɔbɛnya nkwa; ɔbɛnya ne kra sɛ asadeɛ na watena nkwa mu.’+
12 Na owuyareɛ bɛkunkum wo+ mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako na ɛkɔm ahye wɔn ase.+ Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso bɛtotɔ nkrantɛ ano atwa wo ho ahyia. Na baako a aka no nso mɛpete wɔn ama mframa+ na matwe nkrantɛ adi wɔn akyi.+
21 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛnneɛ hwɛ deɛ ɛbɛsie berɛ a mede m’atemmudeɛ huhuuhu nnan yi+—nkrantɛ ne ɛkɔm ne mmoa bɔne ne owuyareɛ+—aba Yerusalem so na matwa onipa ne aboa biara afiri soɔ no.+