33 Ɛkwan a Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ momfa soɔ no, monhwɛ sɛ mobɛfa soɔ.+ Moyɛ saa a, mobɛnya nkwa na asi mo yie+ na mo nkwa aware asase a morekɔfa no so.
3 Enti Israel, tie na hwɛ sɛ wobɛyɛ+ ne nyinaa na asi wo yie+ na mo ase atrɛ ayɛ pii asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so, sɛdeɛ Yehowa w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ mo bɔ no.+
23 Asɛm yi nko na mede yɛɛ ahyɛdeɛ too wɔn soɔ sɛ: “Montie me nne,+ na mɛyɛ mo Nyankopɔn+ na mo nso moayɛ me man; monnante akwan+ a mɛhyɛ sɛ momfa soɔ nyinaa so na asi mo yie.”’+