12 “Afei Israel, ɛdeɛn na Yehowa wo Nyankopɔn hwehwɛ firi wo hɔ+ sɛ wobɛsuro+ Yehowa wo Nyankopɔn na woanante n’akwan nyinaa soɔ+ na woadɔ no,+ na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa asom Yehowa wo Nyankopɔn,+
23 Asɛm yi nko na mede yɛɛ ahyɛdeɛ too wɔn soɔ sɛ: “Montie me nne,+ na mɛyɛ mo Nyankopɔn+ na mo nso moayɛ me man; monnante akwan+ a mɛhyɛ sɛ momfa soɔ nyinaa so na asi mo yie.”’+