Deuteronomium 5:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Sɛ anka wɔbɛnya akoma a ɛte saa de asuro me+ na wɔadi me mmara nyinaa so+ daa a, hwɛ sɛdeɛ ɛbɛsi wɔne wɔn mma nyinaa yie daa!+ Deuteronomium 6:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa wo Nyankopɔn na suro no,+ ɔno na som no,+ na ne din na fa ka ntam.+ Dwom 34:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yehowa akronkronfoɔ nyinaa, monsuro no,+Ɛfiri sɛ biribiara nhia wɔn a wɔsuro no.+ Mmebusɛm 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomasoɔ ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ deɛ, mekyiri.
29 Sɛ anka wɔbɛnya akoma a ɛte saa de asuro me+ na wɔadi me mmara nyinaa so+ daa a, hwɛ sɛdeɛ ɛbɛsi wɔne wɔn mma nyinaa yie daa!+