Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yeremia 14:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Ɛnna mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, adiyifoɔ no reka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Morenhunu sekan, na ɛkɔm renka mo; na mɛma moanya asomdwoeɛ paa wɔ ha.’”+

  • Yeremia 23:16, 17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Deɛ asafo Yehowa aka nie:

      “Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+

      Wɔredaadaa mo.*

      Anisoadehunu a wɔka ho asɛm no firi wɔn ankasa akoma mu;+

      Ɛmfiri Yehowa anom.+

      17 Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔmmu me no sɛ,

      ‘Yehowa aka sɛ: “Mobɛnya asomdwoeɛ.”’+

      Na obiara a ɔyɛ asoɔden di n’akoma akyi no, wɔka kyerɛ no sɛ,

      ‘Mmusuo biara remma wo so.’+

  • Yeremia 27:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Adiyifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babilon hene’ no, monntie wɔn,+ ɛfiri sɛ nkɔm a wɔhyɛ kyerɛ mo no nyɛ nokorɛ.+

  • Yeremia 28:1, 2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 Saa afe no ara mu, Yuda hene Sedekia+ ahennie no mfitiaseɛ, afe a ɛtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nnum no, Asor ba odiyifoɔ Hanania a ɔfiri Gibeon+ no ka kyerɛɛ me wɔ asɔfoɔ no ne ɔman no nyinaa anim wɔ Yehowa fie hɔ sɛ: 2 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Mɛbubu Babilon hene kɔndua no mu.+

  • Kwadwom 2:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Anisoadehunu a w’adiyifoɔ nya maa wo no, ɛyɛ atorɔ ne nnaadaa,+

      Wɔamma woanhunu wo mfomsoɔ, anka wɔankye wo ankɔ.+

      Mmom anisoadehunu a wɔka kyerɛɛ wo no nyinaa yɛ atorɔ ne nnaadaa.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane