Yeremia 4:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛnna mekaa sɛ: “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Ampa, woadaadaa ɔman yi+ ne Yerusalem paa. Wokaa sɛ: ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’+ nanso sekan na ɛda yɛn menem.”* Yeremia 6:13, 14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 “Ɛfiri sɛ ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+Ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa bu nkurɔfoɔ fa so.+ 14 Wɔsa me man akuro biarabiara,* na wɔka sɛ,‘Asomdwoeɛ wɔ hɔ! Asomdwoeɛ wɔ hɔ!’ Nanso asomdwoeɛ biara nni hɔ.+ Yeremia 8:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔsa me man babaa akuro biarabiara,* na wɔka sɛ,“Asomdwoeɛ wɔ hɔ! Asomdwoeɛ wɔ hɔ!” Nanso asomdwoeɛ biara nni hɔ.+ Hesekiel 13:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Deɛ enti a ɛbɛba saa ne sɛ wɔadaadaa me man ama wɔafom kwan; wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ wɔ hɔ!” berɛ a asomdwoeɛ biara nni hɔ.+ Wɔde adehunu biara to fasuo a, na ebinom nso aka ho akaadoo.’*+
10 Ɛnna mekaa sɛ: “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Ampa, woadaadaa ɔman yi+ ne Yerusalem paa. Wokaa sɛ: ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’+ nanso sekan na ɛda yɛn menem.”*
13 “Ɛfiri sɛ ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+Ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa bu nkurɔfoɔ fa so.+ 14 Wɔsa me man akuro biarabiara,* na wɔka sɛ,‘Asomdwoeɛ wɔ hɔ! Asomdwoeɛ wɔ hɔ!’ Nanso asomdwoeɛ biara nni hɔ.+
11 Wɔsa me man babaa akuro biarabiara,* na wɔka sɛ,“Asomdwoeɛ wɔ hɔ! Asomdwoeɛ wɔ hɔ!” Nanso asomdwoeɛ biara nni hɔ.+
10 Deɛ enti a ɛbɛba saa ne sɛ wɔadaadaa me man ama wɔafom kwan; wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ wɔ hɔ!” berɛ a asomdwoeɛ biara nni hɔ.+ Wɔde adehunu biara to fasuo a, na ebinom nso aka ho akaadoo.’*+