Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yeremia 14:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Ɛnna mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, adiyifoɔ no reka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Morenhunu sekan, na ɛkɔm renka mo; na mɛma moanya asomdwoeɛ paa wɔ ha.’”+

  • Yeremia 23:16, 17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Deɛ asafo Yehowa aka nie:

      “Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+

      Wɔredaadaa mo.*

      Anisoadehunu a wɔka ho asɛm no firi wɔn ankasa akoma mu;+

      Ɛmfiri Yehowa anom.+

      17 Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔmmu me no sɛ,

      ‘Yehowa aka sɛ: “Mobɛnya asomdwoeɛ.”’+

      Na obiara a ɔyɛ asoɔden di n’akoma akyi no, wɔka kyerɛ no sɛ,

      ‘Mmusuo biara remma wo so.’+

  • Hesekiel 13:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Deɛ enti a ɛbɛba saa ne sɛ wɔadaadaa me man ama wɔafom kwan; wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ wɔ hɔ!” berɛ a asomdwoeɛ biara nni hɔ.+ Wɔde adehunu biara to fasuo a, na ebinom nso aka ho akaadoo.’*+

  • 1 Tesalonikafoɔ 5:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Sɛ ɛba sɛ wɔreka sɛ: “Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ!”* a, ɛnneɛ mpofirim ara na ɔsɛeɛ bɛba wɔn so prɛko pɛ+ sɛdeɛ awoɔ mu yea* ba ɔbaa a ɔnyem so no; na wɔrentumi nnwane da.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane