16 Deɛ asafo Yehowa aka nie:
“Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+
Wɔredaadaa mo.
Anisoadehunu a wɔka ho asɛm no firi wɔn ankasa akoma mu;+
Ɛmfiri Yehowa anom.+
17 Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔmmu me no sɛ,
‘Yehowa aka sɛ: “Mobɛnya asomdwoeɛ.”’+
Na obiara a ɔyɛ asoɔden di n’akoma akyi no, wɔka kyerɛ no sɛ,
‘Mmusuo biara remma wo so.’+