8 Bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛtɔ so nson a ɛyɛ Ɔhene Nebukadnesar, Babilon hene, no afe a ɛtɔ so dunkron+ no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan,+ Babilon hene akoa, no baa Yerusalem.+
9 Ɔmanfoɔ nkaeɛ a wɔgyaa wɔn wɔ kuro no mu ne wɔn a wɔdane kɔɔ n’afã ne nnipa a wɔaka no, awɛmfoɔ so panin+ Nebusaradan+ de wɔn kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+
40Asɛm firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn berɛ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ de no firi Rama+ kɔeɛ no. Berɛ a ɔfaa no no, na wɔde abankaba agu ne nsa, na na ɔka Yerusalem ne Yuda nnommum a wɔde wɔn rekɔ nkoasom mu wɔ Babilon no nyinaa ho.+