7 Ɛwiee aseɛ no, wɔbuu kuro no fasuo guu mu, na asraafoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba kwan so. Saa berɛ no nyinaa, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia.+