8 Yehoiakin+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ dunwɔtwe, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Nehusta a ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no ba.
27 Berɛ a Yuda hene Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu no, n’afe a ɛtɔ so aduasa nson, bosome a ɛtɔ so dumienu no da a ɛtɔ so aduonu nson, afe a Babilon hene Ewil-Merodak+ bɛyɛɛ ɔhene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin so+ firii nneduafie;
24Yehowa maa mehwɛeɛ, na mehunuu borɔdɔma nkɛntɛn mmienu wɔ Yehowa asɔrefie no anim. Saa berɛ no, na Babilon hene Nebukadresar afa Yehoiakim+ ba Yekonia,+ Yuda hene no ne Yuda mpanimfoɔ ne adwumfoɔ+ ne abantofoɔ no afiri Yerusalem de wɔn kɔ Babilon.+