2 Ahemfo 22:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so,+ na ɔnantee ne nana Dawid kwan nyinaa so,+ na wammane ankɔ nifa anaa benkum.+ 2 Ahemfo 23:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 N’anim no, ɔhene biara amma sɛ ɔno a ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa+ ne n’ahoɔden nyinaa dane baa+ Yehowa nkyɛn sɛdeɛ Mose mmara no teɛ pɛpɛɛpɛ, na n’akyi nso, obiara ansɔre a ɔte sɛ ɔno. 2 Berɛsosɛm 34:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so,+ na ɔnantee ne nana Dawid akwan so,+ na wammane ankɔ nifa anaa benkum.+ Mmebusɛm 21:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Adeteneneeyɛ ne atɛntenenee sɔ Yehowa ani sene afɔrebɔ.+ Mmebusɛm 31:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Bue w’ano, bu atɛntenenee, na di ma mmɔborɔni ne ohiani.+
2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so,+ na ɔnantee ne nana Dawid kwan nyinaa so,+ na wammane ankɔ nifa anaa benkum.+
25 N’anim no, ɔhene biara amma sɛ ɔno a ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa+ ne n’ahoɔden nyinaa dane baa+ Yehowa nkyɛn sɛdeɛ Mose mmara no teɛ pɛpɛɛpɛ, na n’akyi nso, obiara ansɔre a ɔte sɛ ɔno.
2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so,+ na ɔnantee ne nana Dawid akwan so,+ na wammane ankɔ nifa anaa benkum.+