29 “Momfrɛfrɛ agyantofoɔ ne wɔn a wɔkuntunu tadua mu nyinaa nkɔ Babilon so.+ Mommɔ ne ho nsraban nhyia. Mommma obiara nnnwane.+ Montua no ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.+ Sɛdeɛ wayɛ nkurɔfoɔ no, saa na momfa nyɛ no,+ ɛfiri sɛ wadi Yehowa, Israel Kronkronni no so ahantansɛm.+
6 “Monnwane mfiri Babilon,+ na obiara nnye ne kra nkwa.+ Monhwɛ na ne bɔne nti, moannane awufoɔ.+ Yehowa aweredie berɛ asõ.+ Ɔrebɛtua ne nneyɛɛ so ka.+
6 Deɛ ɔde tuaa mo ka no, momfa saa ara ntua no ka,+ na mommɔ ho mmienu mma no, aane, nneɛma a ɔyɛeɛ no mmɔho mmienu;+ kuruwa+ a ɔde mfrafraeɛ guu mu no, momfa mfrafraeɛ no mmɔho mmienu+ ngu mu mma no.+