Dwom 137:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 O Babilon babaa a wɔrebɛfom woɔ,+Anigyeɛ ne deɛ ɔtua wo ka+Sɛdeɛ wo ne yɛn diiɛ no.+ Yeremia 50:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Monhyɛne ɛko ntotorobɛnto ngu ne so wɔ afã nyinaa.+ Wama ne nsa so.+ N’adum abubu. Wɔadwiri n’afasuo agu.+ Ɛfiri sɛ ɛyɛ Yehowa aweredie.+ Montɔ ne so werɛ. Sɛdeɛ wayɛ nkurɔfoɔ no, saa na momfa nyɛ no.+ Yeremia 51:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Na bɔne a Babilon ne Kaldeafoɔ ayɛ mo ani so wɔ Sion nyinaa nso, mɛtua wɔn so ka,”+ Yehowa asɛm nie.
15 Monhyɛne ɛko ntotorobɛnto ngu ne so wɔ afã nyinaa.+ Wama ne nsa so.+ N’adum abubu. Wɔadwiri n’afasuo agu.+ Ɛfiri sɛ ɛyɛ Yehowa aweredie.+ Montɔ ne so werɛ. Sɛdeɛ wayɛ nkurɔfoɔ no, saa na momfa nyɛ no.+
24 Na bɔne a Babilon ne Kaldeafoɔ ayɛ mo ani so wɔ Sion nyinaa nso, mɛtua wɔn so ka,”+ Yehowa asɛm nie.