10 “Ɛda no yɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa da, aweredi da a ɔbɛtɔ n’atamfo so werɛ.+ Na nkrantɛ bɛdi nam na ɛbɛnom wɔn mogya amee, na Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa bɛbɔ afɔdeɛ+ atifi fam asase no so, asubɔnten Eufrate+ ho.
15 Monhyɛne ɛko ntotorobɛnto ngu ne so wɔ afã nyinaa.+ Wama ne nsa so.+ N’adum abubu. Wɔadwiri n’afasuo agu.+ Ɛfiri sɛ ɛyɛ Yehowa aweredie.+ Montɔ ne so werɛ. Sɛdeɛ wayɛ nkurɔfoɔ no, saa na momfa nyɛ no.+