Yeremia
46 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn wɔ amanaman+ no ho nie. 2 Egypt+ deɛ: Egypt hene Farao Neko+ asraafoɔ a wɔwɔ asubɔnten Eufrate ho wɔ Karkemis+ a Babilon hene Nebukadresar dii wɔn so nkonim wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛtɔ so nnan mu no ho asɛm nie: 3 “Monsiesie nkataboɔ ne akyɛm akɛseɛ na monkɔ ko.+ 4 O apɔnkɔsotefoɔ, monsiesie apɔnkɔ na montenatena so, na monhyehyɛ dadeɛ kyɛ nnyinagyina hɔ. Montwi mpea ho. Monhyehyɛ akotadeɛ.+
5 “‘Adɛn nti na mehunu wɔn sɛ wɔabɔ hu yi? Wɔasan wɔn akyi, na wɔabobɔ wɔn nnɔmmarima pasaa; wɔadwane a wɔantwa wɔn ani.+ Ehu nko ara na atwa wɔn ho ahyia,’+ Yehowa asɛm nie. 6 ‘Mma ɔhoɔherɛfoɔ nnyɛ sɛ ɔredwane, na mma dɔmmarima nnyɛ n’adwene sɛ ɔbɛfiri hɔ akɔ.+ Wɔasuntisunti ahwehwe ase wɔ atifi+ fam, asubɔnten Eufrate ano.’+
7 “Hwan na ɔreba sɛ Asubɔnten Nil ne nsubɔnten a emu nsuo bu fa soɔ yi?+ 8 Egypt foro ba sɛ Asubɔnten Nil,+ ɔba te sɛ nsubɔnten a emu nsuo bu fa soɔ.+ Na ɔka sɛ, ‘Mɛforo akɔ. Mɛyiri akata asase so. Mɛka me ho akɔsɛe kuro no ne emufoɔ.’+ 9 Apɔnkɔ, momforo nkɔ ɛ; nteaseɛnam, monnye bum! Momma nnɔmmarima mforo nkɔ, Kus+ ne Put+ mmarima a wɔkurakura akyɛm ne Ludim+ mmarima a wɔkurakura agyan na wɔkuntunu mu no.
10 “Ɛda no yɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa da, aweredi da a ɔbɛtɔ n’atamfo so werɛ.+ Na nkrantɛ bɛdi nam na ɛbɛnom wɔn mogya amee, na Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa bɛbɔ afɔdeɛ+ atifi fam asase no so, asubɔnten Eufrate+ ho.
11 “O ɔbaabunu, Egypt babaa,+ foro kɔ Gilead kɔpɛ balsam+ ngo. Woama wo nnuro adɔɔso kwa. Ayaresa bi nni hɔ mma wo.+ 12 Amanaman no ate w’animguaseɛ,+ na wo sũ ahyɛ asase no so ma.+ Ɔdɔmmarima sunti dɔmmarima so,+ na wɔn mmienu nyinaa hwehwe ase.”
13 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia wɔ Babilon hene Nebukadresar ho sɛ ɔbɛba abɛsɛe Egypt asase+ no nie: 14 “Monka no Egypt, mommɔ dawuro wɔ Migdol,+ na mommɔ dawuro wɔ Nof+ ne Tapanes.+ Monka sɛ, ‘Gyina hɔ, na siesie wo ho,+ ɛfiri sɛ nkrantɛ bɛdi nam atwa wo ho ahyia.+ 15 Adɛn nti na wɔahohoro w’atumfoɔ korɔ yi?+ Wɔantumi annyina, ɛfiri sɛ Yehowa na wapamo wɔn.+ 16 Wama bebree asuntisunti, na wɔahwehwe ase nso. Wɔkeka kyerɛ wɔn ho sɛ: “Sɔre, ma yɛnsan nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne yɛn abusuafoɔ asase so, atirimuɔden nkrantɛ no nti.”’ 17 Ɛhɔ na wɔteam sɛ, ‘Egypt hene Farao ano yɛ den kwa.+ Wama afahyɛ berɛ atwam.’+
18 “‘Sɛ́ mete aseɛ yi,’ Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no asɛm nie,+ ‘sɛdeɛ Tabor+ si mmepɔ mu na Karmel+ si po ho no, saa na ɔbɛba. 19 Hyehyɛ nkoasom nneɛma,+ O Egypt babaa+ a wote kuro no mu. Na Nof+ bɛdane ahodwirideɛ, na wɔde gya bɛhye, na obi rentena mu.+ 20 Egypt te sɛ nantwibereɛ kumaa a ne ho yɛ fɛ paa. Atifi fam na ntontom bɛfiri aba ne soɔ.+ 21 Asraafoɔ a wabɔ wɔn paa a wɔabɛka wɔn ho no nso te sɛ anantwie mma+ a wɔadɔ sradeɛ. Wɔn nso adane wɔn ho abom adwane.+ Wɔantumi annyina,+ ɛfiri sɛ wɔn amanehunu da aba wɔn so, wɔn akontabuo da no.’+
22 “‘Ne nne te sɛ ɔwɔ a ɔtwe ne ho aseɛ;+ mmarima de ahoɔden kɛseɛ bɛba, na nkuma na wɔde bɛba ne so sɛ wɔn a wɔbu nnua. 23 Wɔbɛbu ne kwaeɛ+ agu, ɛfiri sɛ ɛkwan nna mu,’ Yehowa asɛm nie. ‘Wɔdɔɔso sene ntutummɛ;+ wɔn dodoɔ nni ano. 24 Egypt babaa+ ani bɛwu. Wɔde no bɛhyɛ atifi famfoɔ nsa.’+
25 “Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka sɛ, ‘Hwɛ, mede m’ani resi Amon+ a ɔwɔ Noh+ no so, ne Farao so ne Egypt so ne n’anyame+ so ne n’ahemfo+ so, ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ+ nyinaa so.’
26 “‘Na mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no nsa; mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar+ ne ne nkoa nsa, na ɛno akyi no, nnipa bɛtena mu bio sɛ kane no,’+ Yehowa asɛm nie.
27 “‘Na wo, m’akoa Yakob, nsuro, na mma wo bo nntu, O Israel.+ Mɛgye wo nkwa wɔ akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nkoasom asase so.+ Na Yakob bɛsan aba, na ne ho bɛdwo no na watena hɔ dwoodwoo a obiara renyi no hu.+ 28 Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,’ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ meka wo ho.+ Mɛhye aman a mabɔ mo ahwete soɔ no nyinaa ase,+ na wo deɛ, merenhye w’ase.+ Nanso mɛtene wo so sɛdeɛ ɛfata,+ na meremma womfa wo ho nni.’”+