Dwom 46:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Asafo Yehowa ne yɛn wɔ hɔ;+Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn abantenten.+ Sela. Yesaia 43:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Sɛ wotwa nsuo+ a, mɛdi w’akyi;+ wofa asubɔnten mu a, ɛremfa wo.+ Sɛ wonam egya mu a, ɛrenhye wo, na gyaframa renhye wo ho nwi mpo.+ Yeremia 1:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Na wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo,+ ‘ɛfiri sɛ medi w’akyi,+ na mɛgye wo,’+ Yehowa asɛm nie.” Yeremia 15:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “Mama woadane kɔbere afasuo+ a wɔabɔ ho ban ama ɔman yi; wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo.+ Medi w’akyi, na mɛgye wo na mayi wo,”+ Yehowa asɛm nie. Yeremia 30:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie, “na mmɔ hu, O Israel,+ ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri na magye wo mma afiri asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ soɔ no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+ Romafoɔ 8:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛbɛka no yeinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afã a, hwan na ɔbɛtumi ne yɛn adi asie?+
2 Sɛ wotwa nsuo+ a, mɛdi w’akyi;+ wofa asubɔnten mu a, ɛremfa wo.+ Sɛ wonam egya mu a, ɛrenhye wo, na gyaframa renhye wo ho nwi mpo.+
20 “Mama woadane kɔbere afasuo+ a wɔabɔ ho ban ama ɔman yi; wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo.+ Medi w’akyi, na mɛgye wo na mayi wo,”+ Yehowa asɛm nie.
10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie, “na mmɔ hu, O Israel,+ ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri na magye wo mma afiri asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ soɔ no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+