Yeremia 20:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nanso Yehowa gyina m’akyi+ sɛ ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti na m’ataafoɔ bɛsunti na wɔrennyina no.+ Wɔn ani bɛwu paa, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie. Wɔn aniwuo no rentwam da, na werɛ remfiri da.+ Romafoɔ 8:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛbɛka no yeinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afã a, hwan na ɔbɛtumi ne yɛn adi asie?+
11 Nanso Yehowa gyina m’akyi+ sɛ ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti na m’ataafoɔ bɛsunti na wɔrennyina no.+ Wɔn ani bɛwu paa, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie. Wɔn aniwuo no rentwam da, na werɛ remfiri da.+