Yesaia 41:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Me Yehowa wo Nyankopɔn, mekura wo nsa nifa mu;+ na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro,+ na me ara mɛboa wo.’+ Yesaia 43:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 43 O Yakob, deɛ wo Bɔfoɔ+ Yehowa aka nie; O Israel, deɛ wo Nwemfoɔ+ seɛ nie: “Nsuro na magye wo.+ Mabɔ wo din afrɛ wo.+ Woyɛ me dea.+ Yesaia 44:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Deɛ wo Yɛfoɔ+ ne wo Nwemfoɔ+ Yehowa a ɔboaa wo firii yafunu+ mu no seɛ nie: ‘O m’akoa Yakob, Yesurun+ a mayi woɔ, nsuro.+ Yeremia 30:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie, “na mmɔ hu, O Israel,+ ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri na magye wo mma afiri asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ soɔ no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+
13 Me Yehowa wo Nyankopɔn, mekura wo nsa nifa mu;+ na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro,+ na me ara mɛboa wo.’+
43 O Yakob, deɛ wo Bɔfoɔ+ Yehowa aka nie; O Israel, deɛ wo Nwemfoɔ+ seɛ nie: “Nsuro na magye wo.+ Mabɔ wo din afrɛ wo.+ Woyɛ me dea.+
2 Deɛ wo Yɛfoɔ+ ne wo Nwemfoɔ+ Yehowa a ɔboaa wo firii yafunu+ mu no seɛ nie: ‘O m’akoa Yakob, Yesurun+ a mayi woɔ, nsuro.+
10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie, “na mmɔ hu, O Israel,+ ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri na magye wo mma afiri asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ soɔ no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+