Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yesaia 20:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Na wɔhwɛ Etiopia a wɔn ani da ne soɔ+ ne Egypt a ɔyɛ wɔn animuonyam+ no a, wɔbɛbɔ hu na wɔn ani awu.

  • Yesaia 30:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Wɔkɔ Egypt+ na wɔmmisa m’anom asɛm.+ Wɔkɔ sɛ wɔrekɔhyɛ Farao abandenden ase, na wɔakɔhunta Egypt nwunu ase!+

  • Yesaia 31:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Wɔn a wɔkɔ Egypt kɔgye mmoa+ no nnue. Wɔn na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ kɛkɛ so+ na wɔde wɔn werɛ hyɛ nteaseɛnam mu,+ ɛfiri sɛ ɛdɔɔso; na wɔn ani da apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den paa. Na Israel Kronkronni no deɛ, wɔnhuu no, na Yehowa deɛ, wɔnhwehwɛɛ n’akyiri kwan.+

  • Yeremia 17:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Deɛ Yehowa aka nie: “Nnome nka ɔbarima a ɔde ne ho to ɔdasani soɔ,+ deɛ ɔde ɔhonam ayɛ ne basa+ na n’akoma atwe afiri Yehowa ho.+

  • Yeremia 42:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 na moka sɛ: “Dabi, Egypt asase so na yɛbɛkorɔ,+ na ɛhɔ deɛ, yɛrenhunu ɛko, yɛrente abɛn nnyegyeeɛ, na yɛrenni aduankɔm, na ɛhɔ na yɛbɛtena”+ a,

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane