Yesaia
20 Afe a Asiria hene Sargon somaa+ Tartan+ kɔɔ Asdod+ no, ɔko faa Asdod,+ 2 na saa berɛ no Yehowa nam Amus+ ba Yesaia so kaa sɛ: “Kɔ+ na kɔyi atweaatam no firi w’asene+ na yi wo mpaboa firi wo nan ase.”+ Ɔyɛɛ saa de daa adagya, na ɔyii ne mpaboa nantee anammɔnpan mu.+
3 Na Yehowa toaa so kaa sɛ: “Sɛdeɛ m’akoa Yesaia daa adagya na ɔnantee anammɔnpan mu mfeɛ mmiɛnsa de yɛɛ sɛnkyerɛnne+ ne kɔkɔbɔ maa Egypt+ ne Etiopia+ no, 4 saa ara na Asiria hene bɛka Egyptfoɔ+ ne Etiopiafoɔ, mmeranteɛ ne nkɔkoraa, akɔ nkoasom mu, adagya ne anammɔnpan mu; wɔbɛyi wɔn to ho ama Egypt ada adagya.+ 5 Na wɔhwɛ Etiopia a wɔn ani da ne soɔ+ ne Egypt a ɔyɛ wɔn animuonyam+ no a, wɔbɛbɔ hu na wɔn ani awu. 6 Saa da no, nnipa a wɔte mpoano yi bɛka sɛ, ‘Monhwɛ deɛ ato ɔman a yɛde yɛn ani too soɔ no, ɔman a yɛdwane kɔtoaa no sɛ ɔnnye yɛn mfiri Asiria hene nsam no!+ Afei ɛhe na yɛde yɛn ti bɛfa?’”