Yesaia
19 Egypt ho atemmusɛm nie:+ Hwɛ, Yehowa te mununkum+ a ɛho yɛ hare so reba Egypt. Na ne nti, Egypt anyamehunu ho bɛpopo+ na Egypt akoma anane wɔ ne mu.+
2 “Mɛma Egyptni asɔre atia Egyptni na wɔne wɔn ho ako, onua ne onua, yɔnkoɔ ne yɔnkoɔ, kuro ne kuro, ahennie ne ahennie.+ 3 Egypt honhom bɛboto,+ na mɛsɛe ne tirimbɔ nyinaa.+ Na wɔbɛdane akɔ anyamehunu+ ne kaberekyerefoɔ ne asumanfoɔ ne adebisafoɔ nkyɛn.+ 4 Na mede Egypt bɛhyɛ otirimuɔdenfoɔ bi nsa sɛ ne wura, na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so,”+ asafo Yehowa, Awurade nokwafoɔ no, asɛm nie.
5 Na po mu nsuo bɛwe na asubɔnten awe adane asase kesee.+ 6 Nsubɔnten no bɛbɔn, Egypt Nil asuasu bɛwe ayɛ asase kesee+ na demmire+ ne sibire awuwu. 7 Asubɔnten Nil kɔn so ne Nil ano serɛ, ne Nil ho mfusase nyinaa bɛhye+ ama mframa ahu akɔ koraa. 8 Apofofoɔ werɛ bɛho, na wɔn a wɔto nnaawa wɔ Asubɔnten Nil mu nyinaa bɛdi abooboo, na wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no mu no bɛhodwo.+ 9 Wɔn a wɔto asaawa+ ne wɔn a wɔnwene nwera nso ani bɛwu. 10 Ne ntomanwemfoɔ+ bɛboto na n’apaafoɔ nyinaa kra adi awerɛhoɔ.
11 Soan+ mpanimfoɔ nyinaa yɛ nkwaseafoɔ. Na Farao afotufoɔ mu anyansafoɔ afotuo yɛ nsɛnhunu nko ara.+ Ɛbɛyɛ dɛn na mo mu bi atumi aka akyerɛ Farao sɛ: “Anyansafoɔ ba ne me, tete ahemfo ba ne me”? 12 Afei w’anyansafoɔ no wɔ he?+ Ma wɔnka nkyerɛ wo. Sɛ wɔnim a ma wɔnka gyinaeɛ a asafo Yehowa asi no Egypt ho nkyerɛ wo.+ 13 Soan mpanimfoɔ adi nkwaseasɛm,+ wɔadaadaa Nof+ mpanimfoɔ, na Egypt mmusua mu atitire+ ama ɔman no afom kwan. 14 Yehowa ahwie ahoyera honhom+ agu asase no so, na akannifoɔ no ama Egypt rewɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ ne nnwuma nyinaa mu te sɛ ɔsabofoɔ a ɔyantam ne feɛ mu.+ 15 Na adwuma biara nni hɔ a etire anaa dua, duforɔ anaa sibire, bɛtumi ayɛ ama Egypt.+
16 Saa da no Egypt bɛyɛ sɛ mmaa, na ehu bɛma wɔn ho apopo,+ asafo Yehowa nsa a ɔbɛwoso no wɔn soɔ no nti.+ 17 Na Yuda asase no bɛma Egypt abɔ hu.+ Na obiara a ɔbɛte ne din no bɛsuro ɛsiane gyinaeɛ a asafo Yehowa asi wɔ ne ho nti.+
18 Saa da no Egypt nkuro+ nnum bɛka Kanaan kasa+ na wɔaka asafo Yehowa ntam.+ Wɔbɛfrɛ nkuro yi baako sɛ Ɔsɛeɛ Kuro.
19 Ɛda no wɔbɛsi afɔrebukyia ama Yehowa wɔ Egypt asase no mfimfini,+ na wɔde edum bɛsi ne hyeɛ so ama Yehowa. 20 Na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ne adanseɛ ama asafo Yehowa wɔ Egypt+ asase so; na sɛ wɔhyɛ wɔn so+ na wɔsu frɛ Yehowa a, ɔbɛsoma ɔgyefoɔ kɛseɛ bi abɛgye wɔn.+ 21 Yehowa bɛma Egyptfoɔ ahu no,+ na saa da no Egyptfoɔ bɛhu Yehowa. Na wɔbɛbɔ afɔdeɛ de ayɛyɛdeɛ aba,+ na wɔbɛhyɛ Yehowa bɔ adi so.+ 22 Na Yehowa bɛbɔ Egypt bɔtorɔ.+ Ɔbɛbɔ no na akyire yi wasa no yareɛ.+ Wɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn,+ na ɔbɛtie wɔn asa wɔn yareɛ.+
23 Ɛda no ɔkwantempɔn+ bi bɛfiri Egypt akɔ Asiria, na Asiria bɛba Egypt na Egypt akɔ Asiria. Na Egypt ne Asiria nyinaa bɛbom asom. 24 Saa da no Israel bɛtɔ Egypt ne Asiria so mmiɛnsa,+ na ɛbɛyɛ nhyira wɔ asase mfimfini,+ 25 ɛfiri sɛ asafo Yehowa ahyira wɔn+ aka sɛ: “Nhyira nka Egypt, me man; Asiria,+ me nsa ano adwuma; ne Israel, m’agyapadeɛ.”+