Genesis 41:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Adeɛ kyee anɔpa no, na ne ho yera no.+ Enti ɔsoma kɔfrɛɛ Egypt akɔmfoɔ+ ne anyansafoɔ nyinaa baeɛ,+ na Farao kaa ne daeɛ no kyerɛɛ wɔn.+ Nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ Farao aseɛ. 1 Ahemfo 4:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Ná Solomon nyansa dɔɔso+ sene Apueeɛ Famfoɔ+ nyinaa nyansa ne Egypt nyansa+ nyinaa. Ɔsɛnkafoɔ 7:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Yeinom nyinaa mede nyansa asɔ ahwɛ. Mekaa sɛ: “Mɛhunu nyansa.” Nanso na ɛne me ntam ware.+ Asomafoɔ Nnwuma 7:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Enti wɔkyerɛɛ Mose Egyptfoɔ nyansa+ nyinaa. Nokorɛm no, na ɔwɔ tumi wɔ ne kasa+ ne ne nnwuma mu.
8 Adeɛ kyee anɔpa no, na ne ho yera no.+ Enti ɔsoma kɔfrɛɛ Egypt akɔmfoɔ+ ne anyansafoɔ nyinaa baeɛ,+ na Farao kaa ne daeɛ no kyerɛɛ wɔn.+ Nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ Farao aseɛ.