Ɔsɛnkafoɔ
7 Din pa yɛ sene ngo pa,+ na owuda yɛ sene awoda.+ 2 Awerɛhoɔ fie korɔ yɛ sene apontoɔ fie korɔ,+ ɛfiri sɛ ɛno ne adasamma nyinaa awieeɛ; na ɔteasefoɔ de bɛhyɛ n’akomam. 3 Awerɛhoɔ yɛ sene sereɛ,+ ɛfiri sɛ anim bosaayɛ ma akoma di yie.+ 4 Anyansafoɔ akoma wɔ awerɛhoɔ fie,+ na nkwaseafoɔ akoma deɛ, ɛwɔ anigyeɛ fie.+
5 Onyansafoɔ animka tie yɛ+ sene nkwaseafoɔ dwom tie.+ 6 Sɛdeɛ nkasɛɛ gya gyegye kukuo ase no, saa na ɔkwasea sereɛ teɛ;+ yei nso yɛ ahuhudeɛ. 7 Nhyɛsoɔ tumi ma onyansafoɔ yɛ n’adeɛ sɛ bɔdamfoɔ,+ na akyɛdeɛ+ tumi sɛe akoma.+
8 Asɛm awieeɛ yɛ sene ne mfitiaseɛ.+ Deɛ ɔto ne bo ase no yɛ sene deɛ ɔma ne ho soɔ.+ 9 Mpere wo ho mfa abufuo,+ ɛfiri sɛ nkwaseafoɔ kokom na abufuo teɛ.+
10 Nka sɛ: “Adɛn nti na kane nna no yɛ sene nnɛ?”+ na nyansa nnim+ sɛ wobɛbisa saa.
11 Nyansa a agyapadeɛ ka ho yɛ, na mfasoɔ wɔ so ma wɔn a wɔwɔ owia ase.+ 12 Nyansa bɔ onipa ho ban+ sɛdeɛ sika nso bɔ onipa ho ban no;+ nanso nimdeɛ so mfasoɔ ne sɛ ɛne nyansa kora ne wuranom nkwa so.+
13 Hwɛ nokorɛ Nyankopɔn adwuma;+ sɛ ɔkyea biribi a, hwan na ɔbɛtumi atene no?+ 14 Ɛda pa ba a, gye w’ani,+ na ɛda bɔne ba a, hunu sɛ nokorɛ Nyankopɔn na ayɛ yei nso saa ara,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa renhunu deɛ ɛbɛsi wɔn akyi.+
15 Mahunu adeɛ nyinaa me nna huhuo no mu.+ Onipa tenenee tumi wu ne tenenee mu,+ ɛnna ɔdebɔneyɛfoɔ tumi tena ase kyɛ wɔ ne bɔne mu.+
16 Nyɛ wo ho ɔteneneeni dodo,+ na nyɛ wo ho onyansafoɔ nso ntra so.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɛe wo ho?+ 17 Nyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ mmoro so,+ na nyɛ ɔkwasea nso.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wowu ansa na wo berɛ asõ?+ 18 Ɛyɛ sɛ wobɛfa deɛ ɛdi kan no, na deɛ ɛdi akyire no nso nyi wo nsa mfiri ho;+ deɛ ɔsuro Nyankopɔn no de ne nyinaa bɛyɛ adwuma.+
19 Nyansa ma onyansafoɔ nya ahoɔden sene kuro mu atumfoɔ du.+ 20 Ɔteneneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ na ɔnyɛ bɔne.+
21 Afei mfa w’akoma nni nsɛm a nnipa ka nyinaa akyi,+ na woante sɛ w’akoa redome wo.+ 22 Na w’akoma nim sɛ wo nso woadome afoforɔ mprɛ pii.+
23 Yeinom nyinaa mede nyansa asɔ ahwɛ. Mekaa sɛ: “Mɛhunu nyansa.” Nanso na ɛne me ntam ware.+ 24 Deɛ aba nyinaa wɔ akyirikyiri, na emu dɔ yie. Hwan na ɔbɛtumi ahunu mu?+ 25 Me deɛ, medanee me ho, na m’akoma nso danee ne ho,+ sɛ mɛhunu nyansa,+ na mapɛɛpɛɛ mu ahwehwɛ mu na mahunu nneɛma ani so,+ ne sɛdeɛ nkwaseasɛm yɛ amumuyɔ na adammɔ nso yɛ agyimisɛm no;+ 26 deɛ mehunuiɛ nie: Deɛ ɛyɛ nwono sene owuo+ ne ɔbaa a wayɛ ne ho sɛ atena a wɔde sum fidie na n’akoma yɛ asau na ne nsa yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn.+ Deɛ ɔtumi dwane no no yɛ onipa pa, nokorɛ Nyankopɔn ani so, na deɛ ɔkye no no yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.+
27 Ɔsɛnkafoɔ+ no kaa sɛ: “Hwɛ! Deɛ mahunu nie; mefaa nneɛma no mmaako mmaako sɛdeɛ mɛhunu ne nyinaa ani soɔ.+ 28 Me kra hwehwɛeɛ, nanso manhunu. Deɛ mehunuiɛ ne sɛ, wɔbɛnya ɔbarima baako a ɔtene wɔ apem mu,+ nanso wɔrennya ɔbaa baako mpo wɔ wɔn mu.+ 29 Hwɛ! Deɛ mahunu ara ne sɛ, nokorɛ Nyankopɔn bɔɔ adasamma yie,+ nanso wɔn ara na wɔakɔdi wɔn tirim adwene pii akyi.”+