Mmebusɛm 3:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɛyɛ nkwa dua+ ma wɔn a wɔsɔ mu, na wɔn a wɔkura mu den+ no, wɔbɛfrɛ wɔn anigyeɛ.+ Mmebusɛm 8:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Deɛ ɔhu me no bɛnya nkwa,+ ɔbɛnya adom afiri Yehowa hɔ.+ Mmebusɛm 9:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Me na mɛma wo nna adɔɔso,+ na wɔde nkwa mfeɛ bɛka wo ho.+