3 Enti ɔmaa ɛkɔm dee wo de kyerɛɛ wo ahobrɛaseɛ.+ Afei ɔmaa wo mana+ a wo ne w’agyanom biara nhunuu bi da diiɛ na woahunu sɛ ɛnyɛ paanoo nko ara so na onipa nam bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Yehowa anom so.+
10 Ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛdeɛ mmaa a wɔnni tire+ kasa no, saa na wo nso wokasa. Yɛnnye deɛ ɛyɛ nko ara mfiri nokorɛ Nyankopɔn no nkyɛn na adebɔne deɛ yɛmpo?”+ Yei nyinaa mu no, Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.+
22 Enti hwɛ sɛdeɛ Onyankopɔn yam yɛ+ na ɔsan yɛ den+ nso. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔhwee aseɛ no so,+ nanso wo deɛ, Onyankopɔn yi ayamyɛ adi kyerɛ wo, berɛ dodoɔ a wotena+ n’ayamyɛ mu no; anyɛ saa a, wɔbɛtwa wo nso afiri so.+