Ɔsɛnkafoɔ
6 Mahunu ɔbrɛ hunu bi owia ase, na ɛdɔɔso adasamma mu: 2 nokorɛ Nyankopɔn ama obi sika ne ahonyadeɛ ne animuonyam,+ na deɛ ne kɔn dɔ biara mmɔ ne kra,+ nanso nokorɛ Nyankopɔn mma ɔntumi nni,+ na mmom ɔnanani+ na ɔdie. Yei yɛ ahuhudeɛ ne yare bɔne. 3 Sɛ onipa wo ɔha+ na ɔtena ase mfeɛ pii ma ne mfeɛ mu nna dɔɔso,+ na sɛ ne nyinaa akyi no, adepa mmee ne kra+ na ɔnkɔɔ amena mu+ a, mɛtumi aka sɛ ɔba a wɔapɔn no mpo yɛ sene no.+ 4 Wammɛyɛ hwee; esum mu na ɔbɛkorɔ, na esum na ɛbɛkata ne din soɔ.+ 5 Wanhunu awia, na ɔnnim sɛdeɛ ɛteɛ nso.+ Oyi mmom na ɔwɔ ahotɔ, na ɛnyɛ baako no.+ 6 Sɛ ɔdi mfeɛ mpem mmienu mpo na wanhunu adepa+ a, ɛnyɛ faako na obiara rekorɔ?+
7 Adasamma brɛ nyinaa, wɔbrɛ ma wɔn ano,+ nanso wɔn kra mmee da. 8 Ɛdeɛn na onyansafoɔ de kyɛn ɔkwasea?+ Sɛ mmɔborɔni hunu ateasefoɔ anim nante a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? 9 Ɛyɛ sɛ aniwa bɛhunu sene sɛ ɔkra bɛdi n’akɔnnɔdeɛ akyi.+ Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adehunu akyiridie.+
10 Deɛ aba biara no, wɔabɔ din dada, na sɛdeɛ onipa teɛ nyɛ ade foforɔ;+ ɔrentumi ne deɛ ɔwɔ tumi sene no no nni asɛm.+
11 Ɛsiane sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛma ahuhudeɛ+ dɔɔso nti, mfasoɔ bɛn na onipa nya? 12 Na hwan na ɔnim adepa a ɛwɔ hɔ ma onipa,+ ne nkwa nna huhuo no mu, berɛ a ɔdi ne nna sɛ sunsum+ no? Hwan na ɔbɛkyerɛ onipa deɛ ɛbɛsi owia ase wɔ n’akyi?+