1 Berɛsosɛm 29:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Yɛn deɛ, yɛyɛ ahɔhoɔ ne atubrafoɔ+ wɔ w’anim sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsum,+ na anidasoɔ nnim. Hiob 8:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yɛn deɛ, ɛnnora yi ara na yɛbaeɛ,+ na yɛnnim hwee,Ɛfiri sɛ yɛn nna wɔ asase yi so yɛ sunsum.+ Hiob 14:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɔpue sɛ nhwiren, na wɔtwa no twene;+Ɔdwane sɛ sunsum,+ na ɔntena ase bio. Dwom 102:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Me nna ayɛ sɛ sunsum a ɛreyera,+Na me deɛ, matwintwam sɛ wura.+ Dwom 144:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Onipa wɔ hɔ yi, ɔte sɛ mframa ara kwa;+Ne nna te sɛ sunsum a ɛtwam.+
15 Yɛn deɛ, yɛyɛ ahɔhoɔ ne atubrafoɔ+ wɔ w’anim sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsum,+ na anidasoɔ nnim.