Hiob 30:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Me deɛ, menim sɛ owuo mu na wobɛsan de me akorɔ,+Ne efie a ateasefoɔ nyinaa hyia mu. Ɔsɛnkafoɔ 3:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Wɔn nyinaa kɔ faako.+ Wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu,+ na wɔn nyinaa san kɔ dɔteɛ mu.+ Hesekiel 18:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Hwɛ, akra nyinaa wɔ me.+ Sɛdeɛ agya kra+ wɔ me no, saa ara na ɔba kra wɔ me.+ Ɔkra a ɔyɛ bɔne no,+ ɔno ara na ɔbɛwuo.+ Romafoɔ 5:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Ɛno nti ɛnam onipa baako+ so na bɔne baa wiase, na owuo+ nam bɔne so baeɛ, maa owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ+ bɔne.
4 Hwɛ, akra nyinaa wɔ me.+ Sɛdeɛ agya kra+ wɔ me no, saa ara na ɔba kra wɔ me.+ Ɔkra a ɔyɛ bɔne no,+ ɔno ara na ɔbɛwuo.+
12 Ɛno nti ɛnam onipa baako+ so na bɔne baa wiase, na owuo+ nam bɔne so baeɛ, maa owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ+ bɔne.