Genesis 50:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Mo deɛ, na anka mopɛ me bɔne, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ ɔbɛma biribi pa afiri mu aba na ɔde agye nnipa bebree nkwa,+ sɛdeɛ ada adie nnɛ yi. Dwom 126:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Deɛ ɔde esũ firi adie+A ɔkura aba kotokuo mã no,+Ɔde anigyeɛ na ɛbɛba+A ɔkura ayuo atifi atifi.+ Ɔsɛnkafoɔ 7:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Din pa yɛ sene ngo pa,+ na owuda yɛ sene awoda.+ Yohane 12:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, sɛ ayuo aba antɔ fam anwu a, ɛda so ara yɛ aba baako; nanso sɛ ɛwu a,+ ɛso aba pii. Yakobo 5:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Hwɛ! Yɛbu wɔn a wɔagyina mu no anigyefoɔ.+ Moate Hiob+ boasetɔ no ho asɛm na moahunu deɛ Yehowa maa ɛfirii mu baeɛ,+ sɛ Yehowa wɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu.+
20 Mo deɛ, na anka mopɛ me bɔne, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ ɔbɛma biribi pa afiri mu aba na ɔde agye nnipa bebree nkwa,+ sɛdeɛ ada adie nnɛ yi.
24 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, sɛ ayuo aba antɔ fam anwu a, ɛda so ara yɛ aba baako; nanso sɛ ɛwu a,+ ɛso aba pii.
11 Hwɛ! Yɛbu wɔn a wɔagyina mu no anigyefoɔ.+ Moate Hiob+ boasetɔ no ho asɛm na moahunu deɛ Yehowa maa ɛfirii mu baeɛ,+ sɛ Yehowa wɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu.+