Dwom 107:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Wɔtɔ ntintan sɛ ɔsabofoɔ,+Na wɔn nyansa nyinaa tu yera.+ Mmebusɛm 20:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Nsã yɛ ɔfɛdifoɔ,+ mmosã yɛ otutupɛfoɔ;+ obiara a ɛde no yɛ akoa no nnim nyansa.+ Yesaia 28:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yeinom nso, nsã ama wɔafom kwan, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem. Ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ+ nso, mmosã ama wɔafom kwan, nsã ama wɔn adwene atu afra, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem.+ Wɔafom kwan wɔ anisoadehunu mu, na wɔhinhim wɔ gyinaeɛsie mu. Yeremia 48:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 ‘Momma no nnom nsã mmo+ ɛfiri sɛ wama ne ho so atia Yehowa;+ Moab ayantam ne feɛ mu+ na wadane adeɛ a wɔdi ho fɛ.
7 Yeinom nso, nsã ama wɔafom kwan, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem. Ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ+ nso, mmosã ama wɔafom kwan, nsã ama wɔn adwene atu afra, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem.+ Wɔafom kwan wɔ anisoadehunu mu, na wɔhinhim wɔ gyinaeɛsie mu.
26 ‘Momma no nnom nsã mmo+ ɛfiri sɛ wama ne ho so atia Yehowa;+ Moab ayantam ne feɛ mu+ na wadane adeɛ a wɔdi ho fɛ.