12 Na mede gya bɛto Egypt+ anyame no afie mu, na ɔbɛhye na ɔde wɔn akɔ nkoasom mu, na wafira Egypt asase sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ fira ntoma+ no, na ɔbɛfiri hɔ akɔ asomdwoeɛ mu.
25 “Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka sɛ, ‘Hwɛ, mede m’ani resi Amon+ a ɔwɔ Noh+ no so, ne Farao so ne Egypt so ne n’anyame+ so ne n’ahemfo+ so, ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ+ nyinaa so.’
13 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mɛsɛe abosom fĩ+ no na mayi anyamehunu afiri Nof,+ na ɔberempɔn rentena Egypt asase so bio, na mɛma ehu aka Egypt asase.+