Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 32:35
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 35 Aweredie wɔ me, na me na mɛtua ka.+

      Berɛ duru a, wɔn nan bɛkeka abom,+

      Ɛfiri sɛ wɔn amanehunu abɛn,+

      Na deɛ ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+

  • Yesaia 35:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Wɔn a wɔn akoma atuo no,+ monka nkyerɛ wɔn sɛ: “Monhyɛ mo ho den.+ Monnsuro.+ Hwɛ, mo Nyankopɔn bɛko ama mo,+ Onyankopɔn bɛtua mo atamfo ka.+ Ɔbɛba abɛgye mo.”+

  • Yeremia 50:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 “Wɔate adwanefoɔ ne wɔn a wɔredwane firi Babilon asase soɔ no nnyegyeeɛ,+ na wɔrekɔka Yehowa yɛn Nyankopɔn aweredie+ ne n’asɔrefie ho aweredie+ wɔ Sion.

  • Nahum 1:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som,+ na ɔyɛ ɔweredifoɔ; Yehowa tua bɔne so ka+ na abufuo ahyɛ no mã.+ Yehowa tua wɔn a wɔne no di asie ka na n’ani sã n’atamfo.+

  • Romafoɔ 12:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Adɔfo, monnni mo ho werɛ,+ na mmom monnya mma Onyankopɔn abufuo;+ ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Aweredie wɔ me; me ara mɛtua ka, Yehowa na ɔseɛ.”+

  • 1 Tesalonikafoɔ 4:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 sɛ obiara nnyɛ adeɛ mmpira ne nua anaa ɔnnni no aborɔ wɔ asɛm yi mu,+ ɛfiri sɛ Yehowa na ɔde yeinom nyinaa ho asotwe ma,+ sɛdeɛ yɛdii kan kaa ho asɛm kyerɛɛ mo na yɛdii mo adanseɛ fekɔfekɔ no.+

  • 2 Tesalonikafoɔ 1:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Deɛ enti a yei te saa ne sɛ ɛtene Onyankopɔn fam sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wɔhiahia mo ho no ka,+

  • Hebrifoɔ 10:30
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 Na yɛnim deɛ ɔkaa sɛ: “Aweredie wɔ me; me ara mɛtua bɔne so ka”;+ afei nso: “Yehowa bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane