19 sɛ́ woanyɛ w’akoma+ den na wobrɛɛ wo ho ase+ Yehowa anim berɛ a wotee nsɛm a maka atia kuro yi ne wɔn a wɔtete mu sɛ ɛbɛyɛ ahodwirideɛ ne nnome,+ na wosuanee+ w’atadeɛ mu suu m’anim nti, me nso mate,” Yehowa asɛm nie.+
9 mɛyi wɔn ama de mmusuo aba wɔn so ama asase so ahennie nyinaa awoso,+ na mɛma wɔayɛ ahohoradeɛ, na wɔde wɔn bɛka asɛm asere asopa wɔn,+ na wɔayɛ nnome,+ baabiara a mɛhwete wɔn akorɔ.+