-
Yeremia 25:30Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
30 “Na wo deɛ, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ,
‘Yehowa bɛfiri soro abobom,
Na ɔbɛma wɔate ne nne afiri ne tenabea kronkron hɔ.
Ɔbɛbobom dendeenden agu n’atenaeɛ no so.
Ɔbɛteateam te sɛ wɔn a wɔtiatia amena a wɔkyĩ nsã wom so no,
Na ɔbɛto nkonimdie dwom agu asaase sofoɔ nyinaa so.’
-