17 “Nyane, nyane! Sɔre ɛ, Yerusalem,+ wo a woanom Yehowa abufuhyeɛ kuruwa ano wɔ ne nsam.+ Kuruwa a ɛma nnipa tɔ ntintan no, woanom; woafefe mu ama no asa.+
26 atifi fam ahemfo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri no nyinaa, obiara bɛnom bi, wɔne wiase ahennie a ɛwɔ asase soɔ nyinaa; sɛ wɔwie a, Sesak+ hene nso bɛnom bi.
10 ɔbɛnom Onyankopɔn abufuo nsã a wɔhwie no korɔgyenn gu n’abufuo kuruwa mu no nso bi,+ na wɔbɛyɛ no ayayadeɛ+ wɔ egya ne sɔfe+ mu wɔ abɔfoɔ kronkron no ne Adwammaa no anim.
19 Na kuro kɛseɛ+ no mu paepaee mmiɛnsa, na amanaman no nkuro no hwehwee ase; na wɔkaee Babilon Kɛseɛ+ no Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no kuruwa a n’abufuhyeɛ nsã wom no.+