Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 17:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Yehowa nam n’adiyifoɔ+ nyinaa ne adehunufoɔ+ nyinaa so bɔɔ Israel+ ne Yuda+ kɔkɔ+ sɛ: “Monnane mfiri mo akwammɔne ho,+ na monni me mmara nsɛm+ ne m’ahyɛdeɛ+ so sɛdeɛ mmara+ a mede maa mo agyanom+ na menam me nkoa adiyifoɔ so de brɛɛ mo+ no teɛ”;

  • Yesaia 55:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+

  • Yeremia 18:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 “Enti afei, mesrɛ wo, ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mabɔ me tirim sɛ mede mmusuo bɛba mo so; manya mo ho adwene bi.+ Monnane mfiri mo akwammɔne ho ɛ, na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.”’”+

  • Yeremia 35:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Mesomaa me nkoa adiyifoɔ+ no nyinaa baa mo nkyɛn daa; mesɔree anɔpahema somaa wɔn sɛ, ‘Obiara nsan mfiri ne kwammɔne so+ na momma mo nneyɛɛ nyɛ yie,+ na monnkɔdi anyame foforɔ akyi nnsom wɔn.+ Na montena asase a mede maa mo agyanom no so daa.’+ Nanso moammrɛ mo aso ase, na moantie me.+

  • Hesekiel 18:30
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 “‘Enti Israel fie, mɛbu mo atɛn sɛdeɛ obiara akwan teɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.+ ‘Ne saa nti monsan na monnane mfiri mo akwammɔne nyinaa so,+ na mommma biribiara nnto mo suntidua nnkɔ bɔne mu.+

  • Hesekiel 33:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Sɛ mete aseɛ yi, m’ani nnye ɔbɔnefoɔ wuo ho,+ na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsan+ afiri ne kwan so na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfiri mo akwammɔne so.+ Adɛn koraa nti na morebɛwuwuo yi, Israel fie?”’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

  • Yona 3:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Na onipa ne aboa biara mfira atweaatam, na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan+ mfiri ne kwammɔne ne n’amumuyɔsɛm ho.

  • Sakaria 1:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 “‘Monnyɛ sɛ mo agyanom;+ wɔn na tete adiyifoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Mesrɛ mo, monsan mfiri mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ bɔne ho mmra.’”’+

      “‘Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso amma me,’ Yehowa asɛm nie.+

  • Malaki 3:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Ɛfiri mo agyanom berɛ so na momane firii m’ahyɛdeɛ ho, na moanni so.+ Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,”+ asafo Yehowa asɛm nie.

      Na mobisa sɛ: “Ɛkwan bɛn so na yɛnsan mmra?”

  • 2 Petro 3:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho+ sɛdeɛ ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho aboterɛ ɛfiri sɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛeɛ, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane